عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The rising of the dead [Al-Qiyama] - Ashanti Translation

Surah The rising of the dead [Al-Qiyama] Ayah 40 Location Maccah Number 75

Mesan de (gyidieni) kraa a ᴐbᴐ ne ho soboᴐ (wͻ bͻne bi a wayε ho anaa papa bi a wanyε ho) di nse.

Enti onipa dwen sε, Yε’moaboa ne nnompe ano (nnyane no mmu no atεn)?

Daabi, Yεwͻ tumi sε ne nsa teaa ano no (mpo) Yεyε no pεpεεpε.

Obisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owu-sͻreε Da no?”

Na bosome yε tumm (anaasε bosome hwere ne nhyerԑnee),

Daabi, dwane kͻbea biara nni hͻ.

Saa Da no, wo Wura Nyankopͻn hͻ nko ara ne Ahomegye bea.

Saa Da no, yεbεbͻ onipa adwuma a, odi too n’anim ne deε εkaa akyire (a obuu n’ani guu soᴐ) ho amaneε.

Ɔpa kyεw mpo a, (ne kyεw pa no ho mma mfasoͻ biara).

(Nkͻmhyεni), εnnanedane wo kεterεma mpere Adiyisεm no ho (sε wo werε bɛfiri nti).

Nokorε sε, Yεn na (Qur’aan no) anoboa, εnesε (yεbεkyerε wo) n’akenkan no da Yεn soͻ.

Afei ne kyerεkyerεmu no nso Yεso na εda (sε Yεkyerεkyerε mu kyerε woͻ).

Na moabu moani agu Daakye deε no so.

(Saa nkorͻfoͻ no) adwen sε mmusuo kεseε bi reba wͻn so.

Wͻka sε: “Hwan na ͻbεgye no”.

(Owufoͻ no) bɛhunu sε, nokorε, ͻne (wiase) redi mpaapaemu.

Na (owufoͻ no ho refa no) ma anantu ne anantu kᴐka bom.

Enti (boniayεni no) annye (Qur’aan) anni, εna wanfrε Nyame nso.

Na mmom ɔbuu no atorͻsεm danee n’akyi demaae,

Na ͻnyε nkwa-boaa a, efiri ahobae a, ehwie anaa epue ba no mu?

Ansa na ͻreyɛε mogya-toa, εna (Nyankopͻn) bͻͻ (no) yεε (no) pεpεεpε?

Enti (Nyankopͻn a, ͻnam anwanwa kwan a yɛakyerε yi so bͻͻ onipa no), Onni tumi sε Ɔbɛnyane owufoͻ aba nkwa mu (bio)?