عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The man [Al-Insan] - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail

Surah The man [Al-Insan] Ayah 31 Location Madanah Number 76

Nokorԑ sε, Yakyerε no ͻkwan no;- Deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) ayε anaa deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) boniayε.

Nokorε sε, Yɛasiesie dadeԑ nkͻnsͻnkͻnsͻn ne dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya ato hͻ ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.

Ampa sε, apapafoͻ no bεnom kuruwa bi mu a, (emu nsuo no) deε yεde afra ne ‘Kaafuur’ anaasε Kamfa.

(Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻdi wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no.

(Deε wͻka ne sε): Yε deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yεnhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ.

Efirisε, yɛsuro muna ne ahokyerε Da kεseε a efiri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no.

Aboterε a wͻnyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma bɛtua wͻn ka;

(Aheman no mu nnua no) nwunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama ne teε ayε mmrε ama wͻn).

Senya nkruwaa a εhyerεn te sε dwetε. Yɛasusu no pεpεεpε (sεdeε wͻpε no).

Yεbεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu.

Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’.

Mmeranteε a wͻn mfeɛ no te sε deε εteε daa bɛdi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a yɛato apete.

(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”.

(Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Yɛsiane Qur’aan no nkakrankakra maa woͻ,

Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu ɔbͻnefo anaasε boniayεni biara.

Anadwo no mu bi nso fa w’anim butu fͻm fama no, na fa anadwo no mu berε tenten tontom no.

Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi pε seesei (wiase asetena yi), na wͻbu wͻn ani gu Ɛda a emu (asεm) yε den (a εda wͻn anim) no so.

Nokorε sε, saa (Qur’aan yi) yε afutusεm (mamo), enti obi a ͻpε no ͻnfa ͻkwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.

Ԑnyε sεdeε mopε, (na εbεyε hͻ) na mmom sεdeε Nyankopͻn pε. Nokorε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.