عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The emissaries [Al-Mursalat] - Ashanti Translation

Surah The emissaries [Al-Mursalat] Ayah 50 Location Maccah Number 77

Ne (Soro abͻfoͻ a, wͻde nsumunaeε no) hwete kͻ meamea,

Ne wͻn a wͻpaepae Nokorε ne nkontompo no mu,

Ne Abͻfoͻ a, wͻde Adiyisεm no berε Akͻmhyεfoͻ no,

De yε nyinasoͻ anaa kͻkͻbͻ no di nse sε:

Sε Nsoromma (nhyerεnee) pepa firi hͻ,

Na sε εberε a yɛahyε ama Asomafoͻ no duru hͻ a,

Yεde ahyε Aseni Da (anaa nokorε ne nkontompo mpaapaamu Da no).

Ԑdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Aseni Da no (huu) siteε?

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Yɛansεe adikanfoͻ no (a wͻannye annie) no?

Saa ara na Yεbεma nkyirimma yi nso atoa wͻn soͻ.

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Ɛna Yεdehyεε bea bi a εhͻ dwoͻ (wͻ awodeε mu)?

Kͻpem εberε bi a yɛahyehyε ato hͻ?

Ɛna Yεtotoo no pεpεεpε. Hwε sεdeε yɛsi toto ntotoeε pa.

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Saa Da no due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

(Saa Da no, yεbεka akyerε wͻn sε): “Monkͻ deε mobuu no atorͻsεm no mu,

Ɛnyε nwunu, na εnyε mfasoͻ biara nso (mma wͻn) wͻ gyaframa no ho.

Nokorε sε, (saa gya no) turituri gyasrama a, εtesε abrosan,

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no .

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Enti sε mowͻ pͻ bi bͻ a, εneε momͻ ntia Me.

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ nwunu mu, ne nsuo aniwa ho,

(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Dwuma (pa) a modiiε no ho nti no, monfa anigyeε nnidi na monom".

Nokorε sε, saa ara na Yɛtua apapafoͻ no (dwumadi pa) no so ka.

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

(Abͻneεfoͻ), monidi, na monye moani berε tiaa bi, nokorε sε, moyε abͻneεfoͻ.

Saa Da no, due nka wͻn a wͻfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Sε yεkakyerε wͻn sε, momͻ momu ase (nsom Onyankopͻn) a, wͻmmͻ wͻn mu ase.

Saa Da no, due nka wͻn a wɔfaa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no.

Enti (Qur’aan yi mu nsεm) akyi asεm bεn bio na wͻbεgye adie?