The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe tidings [An-Naba] - Ashanti Translation
Surah The tidings [An-Naba] Ayah 40 Location Maccah Number 78
Ɛfa εdeεn ho na wͻrebisa wͻn ho wͻn ho no?
Ɛfa Amanebͻ (anaasε Asεm) kεseε no ho asεm no anaa?
Ɛno na wͻregye ho akyinnyeε no?
Nokorε sε wͻbɛhunu.
Nokorε bio sε wͻbɛhunu.
Yεnfaa asaase nsεε hͻ ntrεε mu?
Ɛna Yɛayε mmepͻ te sε epie de atintim soͻ?
Ɛna Yɛabͻ mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε).
Ɛna Yɛayε monna no ahomegyeε (berε paa)?
Ɛna Yɛayε anadwo (sε) akatasoͻ (ama mo)?
Ɛna Yɛayε adekyeε no (εberε a mode) hwehwε akͻnhoma?
Ɛna Yɛasi ͻsoro nson a εyε den papaapa wͻ mo apampamu?
Ɛna Yɛayε kanea a εhyerεn papaapa wͻ mu?
Ɛna Yɛsane nsuo firi mununkum no mu ma no bu soͻ?
Sεdeε Yεde bεma nnuaba ne mfudeε afifire,
Na turo mu nneεma nso bεka abͻmu yuu.
Nokorε sε Asɛnni Da no yε εberε a yɛahyε ato hͻ.
Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, mobεba no akuo-akuo,
Na ͻsoro bebue na ayε apono,
Mmepͻ nso bɛtutu afiri hͻ na (asaase so) ayε sε kum-aforͻteε.
Nokorε sε, Amanehunu gya no tε baabi retwεn.
Ɛhͻ ne abͻneεfoͻ no nnkyi,
Wͻbεtena mu mfe tenten.
Wͻnya nwunu wͻ hͻ, na wͻnya anom deε biara nso nka nhwε,
Gyesε nsuo hyeε a aben papaapa ne ekuro mu nsuo (na wͻbεnom).
Akatua a εfata (wͻn) no no.
Nokorε sε, na wͻnsusu(wͻn dwumadi bͻne no ho) akontabuo no,
Wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm paa.
Biribiara nso yɛatwerε ato hͻ wͻ Nwoma mu.
Enti monka (mo dwumadi bͻne no so aba) nhwε, na Yεmfa hwee nka mo ho gyesε asotwee.
Nokorε sε, nkonimdie wͻ Nyame-surofoͻ no,
(Wͻbɛnya) Turo, ne bobe,
Ɛne mmabaawa a wͻbͻ tipεn,
Ne nkuruwa a yɛahyehyε no ma-ma.
Wͻnte nsεm hunu anaa nkontomposεm biara wͻ hͻ,
Akatua a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ, εyε akyεdeε a εsom bo.
Ͻsoro ne Asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Ahummͻborͻ Hene no, obiara nni hᴐ a (ɔbɛnya akokoᴐduro) sε ͻne no bεkasa.
Ɛda a Honhom no ne Soro abͻfoͻ no bεto santen no, obiara nkasa gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan, na ͻbεka asεm a εyε.
Saa Da no yε nokorε, enti obi a ͻpε no, ͻnfa ne Wura Nyankopͻn hͻ nyε ne nkyi.
Nokorε sε Yεrebͻ mo kͻkͻ fa asotwee a abεn no ho. Ɛda a onipa bɛhunu dwuma a ne nsa adi ato n’anim no, boniayεni no bεka sε: “Ɛkaa menkoa anka meyε mfuturo”.