عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Those who drag forth [An-Naziat] - Ashanti Translation

Surah Those who drag forth [An-Naziat] Ayah 46 Location Maccah Number 79

Mede (Soro abͻfoͻ a wͻyi abͻneεfoͻ no nkwa wͻ) ahometeε soͻ,

Ne (Soro abͻfoͻ a wͻyi apapafoͻ no nkwa) wͻ anigyeε ne ahosεpε soͻ,

Ne (Soro abͻfoͻ a), wͻdware sε asudwarefoͻ de Nyankopͻn ahyεdeε no ba,

Na wͻyε ntεntεm sε akansifoͻ,

Na wͻtoto Nyankopͻn Ahyεdeε no di nse sε:

Na deε εtͻso mmienu no bεtoa soͻ no,

Saa Da no, akoma bεbͻ binim (ama onipa ho awoso).

Wͻka sε: “Sε (Wusͻreε no yε nokorε ampa a), εneε na yεresan aba nkwa mu bio no bεyε brεguo (ama yεn Kaafirfoͻ no)“.

Na deε wͻbɛhunu ara ne sε, wͻanyane afiri owuo mu na wͻn wͻ asaase soͻ.

Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn frεε no wͻ Bonhwa kronkron Tuwa mu hͻ no.

Ɔka kyerεε no sε: “Kͻ Farao hͻ, na nokorε sε wate atua, ayε bͻne atra so “.

Na menkyerε wo kwan nkͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ na nya Ne ho suro?”

Nanso ᴐfaa no atorᴐsԑm, yεε asoͻden nso.

Afei ͻdanee n’akyi maae, bͻͻ mmͻden (sε ͻbεko atia Mose ne ne Nyankopͻn).

Ɔboaboaa ne nkorͻfoͻ ano paee mu (de too wͻn anim),

Pagyaa ne soro kͻ, siesieε, totoo no pεpεεpε,

Ɛna n’anadwo no nso Wayε no esum, εna Wama n’adekyeε nso nhyerεnee,

Ɛna εno akyiri no, Ɔde asaase sii hͻ sε kosua trεε mu,

Ɛna Ɔde mmepͻ nso atintim so pintinn,

Na obi a ͻtee atua dii bͻne,

Na obi a ͻno deε osuroo sε ͻbɛgyina ne Wura Nyankopͻn anim, na osii ne kraa ho kwan frii honam apεdeε anaa honam akͻnͻdeε ho no,

(Ɛberε a εbesie no deε) deεn na wo (bɛtumi) aka fa ho?

Ne brε a εbesie no deε εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ.

Na wo (Nkͻmhyεni) deε woyε kͻkͻbͻni ma obi a ɔsuro (saa Da no).

Ɛda a (wͻn a wͻnnye nnie no) bɛhunu (saa Da) no no, εbεyε wͻn sε anyumerε mu anaa anͻpa mu berε tiaa bi na wͻde tenaa (wiaseε).