عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Spoils of war, booty [Al-Anfal] - Ashanti Translation

Surah Spoils of war, booty [Al-Anfal] Ayah 75 Location Madanah Number 8

(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo ͻkoo mu asadeε no ho asεm. Ka sε: “Asadeε no wͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Enti monsuro Nyankopͻn na monsiesie deε abεtͻ montam no, na monyε sotie mma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a.

Agyidiefoͻ no ne wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻnya hubͻ bi wͻ wͻn akoma mu, na sε yεrekenkan Ne nsεm no kyerε wͻn a εde gyidie foforͻ bεka wͻn gyidie ho, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻde wͻn ho toͻ.

Saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻwͻ gyinabrε (a εsom bo) ne bͻnefakyε ne akyεdeε a edi mmu paa wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ.

Kae εberε a Nyankopͻn de akuo mmienu no mu baako hyεε mo (Muslimfoͻ no) bͻ sε εbεyε mo dea; na mopεε sε deε nkasεε (anaasε ͻkoo) nni ho no mmom na εnyε mo dea, na Nyankopͻn pεsε Ɔnam N’asεm so ma nokorε no si pie, na Ɔtwa boniayεfoͻ no nhini (firi hͻ).

Sεdeε Nyankopͻn bεma Nokorε no ayε nokorε na Wasεe nkontompo no, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a.

Monkae εberε a mohwehwεε mo Wura Nyankopͻn hͻ mmoa na Ɔgyee mo (mpaebͻ no) so sε: “Mede Soro abͻfoᴐ apem a wͻtoatoa soͻ bεboa mo“.

Nyankopͻn yεε (bɔhyɛ) no anigyesεm sεdeε moakoma bεtͻ moyεm. Na mmoa (anaa nkonim) deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Saa na εteε, efirisε, wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ, na obiara a ͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no deε nokorε sε, Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa.

Obi a ͻbεdane n’akyi ama wͻn wͻ saa da no no;- gyesε (ebia n’akyi a ͻredane ama wͻn no yε) ͻkoo mu akwan, anaa ͻresan akͻka fekuo bi ho – nokorε sε watwe Nyankopͻn abufuo aba ne ho so; na ne fie ne Amane hunu gyem. Awieeε bͻne paa ne hͻ.

Ɛnyε mo na mokum wͻn, na mmom Nyankopͻn na Okum wͻn, εberε a wotoo (sekan anaa agyan anaa pea no) εnyε wo na wotoeε, na mmom Nyankopͻn na Ɔtoeε, sεdeε Ɔde bεyε agyidiefoͻ no nsͻhwε pa a ɛfiri ne hͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Mpaebͻ Tiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

Saa na εteε, nokorε sε Nyankopͻn bεbrε boniayεfoͻ no tirim pͻ bͻne no ase.

Sε mobͻͻ mpaeε srεε atemmuo a, atemmuo no na aba mo hͻ no; na sε motwe mo ho (firi bͻne ho) a εyε ma mo, na sε mosan (kͻto hyε agyidiefoͻ no so) a Yεn nso Yεbεsan (ne mo de asi ani), na sε modͻm no dͻͻso mpo a ɛnsi mo hwee, na nokorε sε, Nyankopͻn ka agyidiefoͻ no ho.

Nokorε sε abɔdeɛ bͻne wͻ Nyankopͻn hͻ ne asosifoͻ ne mmum, wͻn a wͻnnwen (anaa wͻnte asεm aseε) no.

Mo a moagye adie, monhwε na moanni Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no hwammͻ, na monhwε na moantwa (Amaana anaa) nneεma a yεde ahyε monsa no mu nkontompo aberε a monim.

Kae εberε a boniayεfoͻ no kͻͻ wo tiri so apam sε wͻde wo bεto afiase, anaasε wͻɛbeku wo, anaasε wͻbɛtu wo (afiri ͻman no mu); wͻbͻͻ pͻ paa, na Nyankopͻn nso bͻͻ pͻ, na Nyankopͻn pͻbͻ na εyε pͻbͻ pa kyεn apͻ bͻfoͻ nyinaa.

Kae εbrε a wͻkaa sε: “Otumfoͻ Nyankopͻn, sε (Qur’aan) wei yε nokorε a ɛfiri Wo nkyεn ampa a, εneε tͻ aboͻ nsuo firi soro gu yεn so, anaasε fa asotwee a εyε ya paa bra yεn so “.

Ԑmma sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso wͻ aberε a wo (Nkͻmhyεni Muhammad) wo wͻ wͻn mu, na εmma nso sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso aberε a wͻresrε bͻnefakyε.

Ka kyerε boniayεfoͻ no sε: “Sε wͻgyae (wͻn ko tia no) a, Ɔde deε atwamu no bεkyε wͻn, sε wͻsan wͻn akyi nso a, nokorε sε tetefoͻ no a (wͻde bͻne sii wͻn ani soͻ no) kwan no atwam kͻ (a εyε adesua ma wͻn).

Enti (agyidiefoͻ) mone wͻn nko nkosi sε aniεyadeε biara to bɛtwa, na ͻsom no nyinaa bεyε Nyankopͻn dea. Na sε wͻgyae a, nokorε sε Nyankopͻn ani tua dwuma a wͻdie nyinaa.

Monkae εberε a na mobεn (ekuu no ho), na (atamfoͻ) no nso wͻ εfa akyirikyiri, na akwantufoͻ no wͻ moaseε. Sε mohyεε bͻ bi (sε mone atamfoͻ no) bɛhyia a anka mobɛbu εberε a mode hyεeε no so; na mmom sεdeε Nyankopͻn bεma dwumadie no asi sεdeε Wahyehyε no no nti; na ama obi a ͻbεsopa no asopa wͻ nyinasoͻ pefee mu, na obi a ɔbɛnya nkwa nso anya nkwa wᴐ nyinasoᴐ pefee mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

(Nkͻmhyεni), kae εberε a Nyankopͻn de atamfoͻ no kyerεε wo wͻ wo daeε mu sε wͻyε kakraabi; sε Ɔde wͻn dodoↄ no na εkyerεε woͻ a, nokorε sε anka moabamu bɛbu, ama moagye asεm (anaa ᴐkoo) no ho akyinnye, nanso Nyankopͻn bͻͻ moho ban, efirisε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.

Kae εberε a Ɔde atamfoͻ no kyerεε mo wͻ εberε a mohyiaeε no (Ɔyεε wͻn) kakraa bi wͻ moani so, εna Ɔmaa monso moyεε kakraabi wͻ wͻn anisoͻ, sεdeε Nyankopͻn nhyehyεε a Wahyehyε no bɛwie pεyε. Onyankopͻn hͻ na dwumadie no nyinaa san kɔwie.

Na monyε sotie mma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no. Na monhwε na moannye moho-moho akyinnye, sε εba saa a εbεma mo ahodwo ama mosunsum anaasε moahoͻden no akͻ, na monsi aboterε. Nokorε sε, Nyankopͻn ka abotrεfoͻ no ho.

Monhwε na moankͻyε sε wᴐn a wͻde akakabensεm ne nnipa anim yεkyerε firii wͻn afie mu, na wͻsi (amanfoͻ kwan) firi Nyankopͻn kwan no soͻ no. Nyankopͻn deε Watwa deε wͻreyε no nyinaa ho ahyia.

Kae εberε a ͻbonsam maa wͻn dwumadi (bͻne no) yεε wͻn ani so fε, na ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛnnε da yi nnipa biara ntumi nni moso nkonim. Nokorε sε mene mo kyitaafoͻ“. Nanso εberε a akuo mmienu no hunuu wͻn ho (wͻ Badar hͻ) no, (ͻbonsam) danee ne ho wͻ ne nantin so (dwanee), ͻkaa sε: “Medeε matwe me ho afiri mo ho, efirisε mahunu adeε a monhunuiε. Nokorε mesuro Nyankopͻn, efirisε Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den paa”.

Ɛberε a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Saa nkorͻfoͻ (Muslimifoͻ) yi Nyamesom adaadaa wͻn”. Obi a Ɔde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyasafoͻ.

(Wͻn mfatoho) tesε Farao nkorͻfoͻ no, ne wͻn a wͻdii wͻn anim kan no, wͻpoo Nyankopͻn Nsεm no, enti Nyankopͻn de wͻn bͻne no twee wͻn aso. Nokorε sε Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, na n’awerεtͻ nso ano yε den paa.

Nokorε sε, abͻdeε bͻne wͻ Nyankopͻn anim ne wͻn a wͻyi boniayε na wͻnnye (Nyankopͻn Nsεm no) nnie.

Enti sε wodi wͻn so nkonim wͻ ͻkoo mu a, twe wͻn aso papaapa na fa pamo wͻn a wͻwͻ wͻn akyire no, sεdeε wͻde bεyε afutuo.

(Nkͻmhyεni), sε wonya suro wͻ amanfoͻ bi ho sε wͻbɛdi wo hwammͻ a, to (wͻn apam no) san ma wͻn (wͻ nhyehyεε) pa so, efirisε Nyankopͻn mpε wͻn a wͻdi hwammͻ no asεm.

Ɛmma wͻn a wͻyi (Nyankopͻn Asεm no ho) boniayε no adwen nyε wͻn sε wͻbɛtumi asan (Yεn ho), nokorε sε wͻntumi mma (Nyankopͻn nhyehyεε) nyε kwa.

Sε wͻdane wͻn ho kͻ asomdwoeε so a, dane woho kͻ so bi, na fa wo ho to Nyankopͻn so, nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.

Ɛna Waka wͻn akoma abͻ mu. Sε woyii deε εwͻ asaase so nyinaa mpo demae (sε wode bεka wͻn abͻ mu a,) anka wontumi nka wͻn akoma mmͻ mu da. Nanso Onyankopᴐn aka wᴐn abom. Nokorε sε, Ɔne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Nkͻmhyεni, hyε agyidiefoͻ no nkuran wͻ ͻkoo no ho. Sε aboterεfoͻ (nnipa) aduonu wͻ mo mu a, (wͻbɛtumi) adi (kaafirfoͻ no nnipa) ahaanu so nkonim; na sε (aboterεfoͻ nnipa) ͻha wͻ mo mu a (wͻbɛtumi) adi wͻn a wͻpo nokorԑ no mu (nnipa) apem so nkonim, efirisε wͻyε nnipa a wͻnte asεm aseε (anaasε wͻnnwen).

Seisei deε Nyankopͻn ago mu ama mo, na Ɔnim sε, (nnipa no) bi wͻ mo mu a wͻyε mmerε (anaasε wͻnni ahoͻden). Enti sε aboterεfoͻ (nnipa) ͻha wͻ mo mu a, wͻbɛdi ahaanu so nkonim, sε apem na ԑwͻ mo mu a wͻbɛdi mpem mmienu so nkonim wͻ Nyankopͻn akwamma mu. Onyankopͻn deε Ɔka aboterεfoͻ no ho.

Ɛkwan nni hᴐ ma Nkͻmhyεni sԑ ᴐbεfa nommum, gyesε wako adi nkonim wͻ asaase no so ansa. Mopε wiase agyapadeε, na Nyankopͻn nso pε Daakye no ma mo. Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ.

Sε nhyehyεε nnii kan dada wͻ Nyankopͻn hͻ a, anka asotwe kεseε paa bεto mo wͻ (mpata) deε a mogyeε no ho.

Enti monni asadeε a moanya no mu deε εkwan wͻ ho na εyε; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Sε wͻpε sε wͻdi wo hwammͻ nso a, wͻn adikan adi Nyankopͻn hwammͻ pεn, εna Ɔmaa wodii wͻn so (nkonim). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

Wͻn a wͻayi boniayε no nso yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Mmom sε moanyε (saa ammoa moho moho anka mo ho ammͻ mu anko antia nsεmmͻnedifoͻ no a), aniεyaa ne nsεmͻnedie kεse bεkͻso wͻ asaase no so.