The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Overthrowing [At-Takwir] - Ashanti Translation
Surah The Overthrowing [At-Takwir] Ayah 29 Location Maccah Number 81
Sε yεbobͻ awia ma ne nhyerεne no firi hͻ na εyε tumm a,
Na sε Nsoromma tete hwe,
Na sε mmepͻ tutu fri hͻ,
Na sε yεto yoma bedeε a ͻnyem abosome du asaworam,
Na yεboa nkeka-boaa ano wͻ faako ,
Na sε ogya tͻ po mu na ehuru, anaasε eyiri ma no kabom yε ͻpo baako,
Na sε yεka akra ne (honam) bͻ mu,
Na yɛbisa abaayaa (akokoaa) a, yɛasie no animono so sε:
“Ɛdeεn bͻne na ͻyεeε a yɛkum no?”,
Na sε yɛbue (obiara adwuma a, odiiε ho) Nwoma no mu,
Na sε ͻsoro nkatanimu no yi na efiri ne tebea hͻ,
Na yεsͻ Amanehunu gya no ano,
Na yεde ͻsoro Aheman no bεn (agyidiefoͻ no) a,
(Ɛhͻ na) ͻkra biara bɛhunu (dwuma pa anaasε dwuma bͻne a) ͻde aba.
Mede Nsoromma a,
Epue na εnante kͻtͻ,
Ne anadwo, sε εde ne sum no ba (bεkata biribiara so),
Ne ahomakye, εberε a εbεhome ayi ne nhyerεnee no adie no di nse sε:
Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔbͻfoͻ Nimuonyamfoͻ no asεm (a, Nyankopͻn de asomaa no).
(Ɔbͻfoͻ Gabriel) a ͻwͻ Tumi ne diberε wͻ Animuoyam Hene no anim no,
(Gabriel) a (Abofoͻ) yε sotie ma no, Nokwafoͻ no.
Enti mo yͻnko (Muhammad) mmͻͻ dam;
Ԑyε ampa sε, ohunuu (Gabriel) pefee wͻ wiem.
(Muhammad) nyε obi a ͻde Asumade no sie, bͻ ho ayεmuͻnyono.
(Qur’aan) nyε ͻbonsam a yabͻ no dua no asεm.
Na afei εhen na morekͻ yi?
Nokorε sε (Qur’aan) yε afutusεm ma amansan nyinaa,
(Titiriw) de ma mo mu obi a ͻpε sε onya kwankyerε.
Na εnnyε sεdeε mopε, na mmom sεdeε Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no pε (na εbεyε hͻ).