The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesDefrauding [Al-Mutaffifin] - Ashanti Translation
Surah Defrauding [Al-Mutaffifin] Ayah 36 Location Maccah Number 83
Due nka asisiefoͻ no,
Wͻn a sε wͻrehyε (biribi te sε kookoo anaa aburoo anaa nkyene anaa εmoo) afri (obi hͻ a) wͻhyε ma εyε ma;
Na sε wͻrehyε anaasε wͻresusu (ama obi a) wͻte so (bͻ saa nipa no nyansa korͻno).
Enti saa nkorͻfoͻ no nnwen sε yεbɛnyane wͻn-
Ama Ɛda kεseε bi?
Ɛda a nnipa nyinaa bɛgyina Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn anim no?
Daabi, Abͻnefoͻ no Nwoma wͻ ‘Sijjinn’ mu.
Na εdeεn na εbεkyerε wo adeε a εyε ‘Sijjnn’ no?
Ɛyε Nwoma a yɛatwerε (fa abͻneεfoͻ no nnwuma ho).
Saa Da no, due nka wͻn a wͻfa (Nokorε no) sε atorͻsεm no,
Wͻn a wͻfa Akatua da no atorᴐsԑm no,
Na obiara nni hͻ a ᴐfa no atorᴐsԑm, gyesε mmaratoni, ͻbͻneεni.
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε no a, deε ͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm”.
Daabi, (Dwumadi bͻne a) wͻnsa aka no awe naakye wͻ wͻn akoma mu,
Daabi, saa Da no yεde ntwaremu bɛtware wͻn ne wͻn Wura Nyankopͻn ntεm.
Afei yεde wͻn bεkͻ Amanehunu gya no mu.
Afei yεbεka sε: “Woi na mofaa no atorͻsεm no “.
Aane, nokorε sε apapafoͻ no Nwoma wͻ ‘illiyyiin.
Na εdeεn na εbεkyerε wo deε εyε ‘Illiyyuun’ no?
Ɛyε (apapafoͻ no nnwuma a yɛatwerε) ho Nwoma,
(Soro Abͻfoͻ) a wͻbεn (Nyankopͻn) no di ho adanseε.
Nokorε sε, apapafoͻ no wͻ anigyeε mu-,
Wͻ Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ).
Wohunu anigyeε no nhyerεnee wͻ wͻn anim.
Yεbεma wͻn nsa kronkron a yɛatua ano anom.
N'awieɛ no yε ‘Misk’. Woi so na wͻn a, wͻresi akan (wɔ nnepa ho no) nsi akan.
‘Tasniim’ na yεde bεfra (saa nsa no).
(‘Tasniim no) yε Asutire bi a wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) no bεnom mu (nsuo).
Nokorε sε na abͻneεfoͻ no sere wͻn a, wͻagye adie no.
Sε wᴐretwa mu (wͻ agyidiefoͻ no) ho a, (boniayεfoͻ no) bͻ wͻn ani kyerε wͻn ho wͻn ho (de di agyidiefoͻ no ho fεw).
Sε wͻsan kͻ wͻn nkorͻfoͻ no hͻ a, wͻsan kͻ no fεw die so.
Sε wͻhu (agyidiefoͻ) no a, asεm a wͻka ne sε: “Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi ayera paa.”
Nanso yεnsomaa wͻn sε wͻmεhwε (agyidiefoͻ no) so.
Saa Da no deε, wͻn a wͻagye adie no bεsere wͻn a wͻannye annie no,
(Wͻtete) Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ).
Enti boniayεfoͻ no nyaa deε na wͻreyε no so akatua pεpεεpε?