The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Sundering, Splitting Open [Al-Inshiqaq] - Ashanti Translation
Surah The Sundering, Splitting Open [Al-Inshiqaq] Ayah 25 Location Maccah Number 84
Sε ͻsoro sunsuan asin-asin,
Na ɔtie ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε a, εyε n’asεde (sε ͻyε sotie de ma ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε).
Na sε asaase no mu twe,
Na ɔyi deε εwͻ ne mu nyinaa firi adi, na εda mpan,
Na ɔtie ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε a, εyε n’asεde (sε ͻyε sotie de ma ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε).
Onipa dasani, bͻ mmͻden paa (di dwuma) a εkͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na nokorε sε wobɛhyia no, (anaasε wobɛhyia wo dwumadie no so akatua, sε εyε papa anaasε bͻne).
(Saa Da no) obi a, yεde ne (Dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ ne nsa nifa mu no,
(Saa nipa no) bɛbu nkonta a εyε mmrε,
Na ͻbεdane ne ho akͻ n’abusuafoͻ hͻ wͻ anigyeε mu.
Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεfa n’akyi ama no wͻ n’akyi no,
Ɔbɛsu afrε owuo,
Na ͻbεkͻ Ogya frama mu.
(Ԑberε a na ͻwͻ wiaseε no) na n’ani gye wͻ n’abusuafoͻ mu.
Nokorε sε na ͻdwen sε ͻnsan nkͻ (Nyankopͻn) hͻ bio.
Aane, nokorε sε na ne Wura Nyankopͻn hu no (abrε biara).
Mede tͻ-wia, anaasε εberε a awia akͻtͻ ama ewiem ayε kͻͻ no,
Ne Anadwo, ne adeε biara a anadwo ka no soͻ, anaasε εboa ano wͻ faako,
Ne εberε a bosome bɛnyini atwa kanko no di nse sε:
“Nokorε, mobεforo afri gyinabrε mu, akͻ gyinabrε mu (wͻ wiase ne Daakye),
Na afei εdeεn na εha wͻn a enti wͻnnye (Nokorε no) nnie,
Na sε yεrekenkan Qur’aan kyerε wͻn a wͻmmfa wͻn anim mmutu fͻm?
Aane, wͻn a wͻnnye nnie no fa no sε atorͻsεm.
Nyankopͻn deε Ɔnim deε wͻde suma.
Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba no bͻ wͻn.
Na mmom wͻn a wͻagye (Nokorε no) adie na wͻdi dwuma pa no deε, wͻn wͻ akatua a enni awieε.