The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Mansions of the stars [Al-Burooj] - Ashanti Translation
Surah The Mansions of the stars [Al-Burooj] Ayah 22 Location Maccah Number 85
Mede ͻsoro a, ɛkuta Nsoromma akεseε,
Ne εda a yɛahyε ho bͻ no,
Ne ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε:
Due nka wͻn a wͻtuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn)-
Wͻ ogya tanaa a, yɛasͻ ano mu no.
Ɛberε a, na wͻkoto (ogya) no ho no,
Na wɔnom ara yɛ adansefoɔ wɔ neɛ na wɔredeyɛ agyidifoɔ no.
Ɛnyε hwee ho nti na wͻhyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti.
(Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Ne dea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε.
Wͻn a wͻtan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻbɛnya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻsan wͻ ͻhyeε asotwee.
Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie, na wͻdii dwuma pa no, wͻbɛnya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no.
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa.
Nokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio.
Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no,
(Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no,
(Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε.
(Ɔkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abɛduru wo hͻ?
(Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no)?
Nanso wͻn a wͻnnye nnie no gu so po (Nokorε no).
Nyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia.
Aane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa,
Ɛwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so.