The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Overwhelming [Al-Ghashiya] - Ashanti Translation
Surah The Overwhelming [Al-Ghashiya] Ayah 26 Location Maccah Number 88
Asεm kεseε a (nehuu) boro (nipa) soͻ no ho asεm no abɛduru wo hͻ?
Saa Da no, ebinom ani bɛwu,
Adwumaden, ͻberεhunu,
Wͻbεkͻ Ogya tanaa a, ano yε den paa mu,
Yεbεma wͻn anom nsuo wͻ Nsuohyeε abura mu.
Wͻnya aduane nni, na mmom gye sε (nkasεε dua nyononyono bi a yεfrε no) ‘Doariin’ (na wͻbεweε).
Ɛnyε wͻn honam yie, na εmmee wͻn nso.
Saa Da no ebinom nso anim bεyε frͻmfrͻm fεfεεfε.
Wͻn ani bεgye wͻn mmͻdemmͻ ho,
Wͻ Animuonyam Aheman no mu.
Wͻnte nsεm hunu biara wͻ hͻ.
Asutire a εretene bi wͻ mu.
Animuonyam ahennwa bi a yama soͻ nso wͻ mu,
Ne nhwehwε nkuruwaa a, esisi hͻ,
Ne mpikyi (anaasε atԑ anaa Kushin) a, yato no santen.
Ɛne kapεt papa a, εsesε hͻ.
Enti wͻnhunuu sεdeε yɛasi abͻ Yoma?
Ɛne ͻsoro sεdeε yɛasi apagya no?
Ɛne mmepͻ, sεdeε yɛasi de atintim hͻ pintinn?
Ɛne asaase sεdeε yɛasi atrε mu?
Enti tu (wͻn) fo, efirisε woyε obi a wotu (amanfoͻ) foͻ.
Wonyε obi a wohyε wͻn so,
Na mmom obi a, ͻbεdane n’akyi ama na wapo (nokorε) no,
Nyankopͻn de asotwee kεseε no bεtwe n’aso
Nokorε sε Yεn hͻ na wͻbεsan aba;
Nokorε bio nso sε wͻn akontabuo da Yεn so.