عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Repentance [At-Taubah] - Ashanti Translation

Surah Repentance [At-Taubah] Ayah 129 Location Madanah Number 9

(Wei yε nkaebɔ a) ɛfiri Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no hͻ dema abosomsomfoͻ no a (mo Muslimifoͻ) ne wͻn ayε apam no sε, (Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ) atwe wͻn ho .

(Wei yε) amanebͻ a ɛfiri Nyankopͻn ne Ne somafͻo no hͻ sε, εntͻ amanfoͻ anim wͻ Hajji da kεseε no mu sε: “Nyankopͻn ne Ne somafoͻ atwe wͻn ho afiri abosomsomfoͻ no ho. Enti sε mosakra moadwen a, εno na εyε ma mo, na sε modane moakyi dema (Nokorε no) a, εneε monhunu sε, montumi mfiri Nyankopͻn akyi nnwane. Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba bͻ wͻn a wͻpo (nokorԑ) no “.

Sε abosomsomfoͻ no bi hwehwε wo hͻ ahobammͻ a, bͻ ne ho ban kosi sε ͻbεte Nyankopͻn asεm, na fa no kͻduro n’abodwoeε bea. Ɛnesε, nokorε wͻyε amanfoͻ a wͻnnim (nokorε a εwͻ Islam som no mu).

Ɛbεyε dεn (na apam no atumi agyina) aberε a sε wͻdi mo so a wͻmfa abusua anaa apam ho wͻ mo fam? Wͻde wͻn ano na εgye mo die, na wͻn akoma deε εmpene so; na wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻneεfoͻ.

Enti mone amanfoͻ a wͻbu wͻn nsedie soͻ, na wͻn botaeε ne sε wͻbɛtu Ɔsomafoͻ no (afiri Maka kuro no mu no) nko? Aberε a mo (agyidiefoͻ no) na wͻdii kan (tohyεε) mo soᴐ? Anaa mosuro wͻn? Nyankopͻn na εsεsε mosuro no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a.

Enti mone wͻn nko, na Nyankopͻn nam mo nsa so bεtwe wͻn aso, na Wagu wͻn anim ase, na Wama mo wͻn so nkonimdie, na Wadwodwo amanfoͻ no a wͻgyidie no akoma;

Na Wayi wͻn akoma mu abufuo afiri hͻ. Nyankopͻn de nea Ɔpε bͻne bεkyε no; na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

Abosomsomfoͻ no nni ho kwan sε wͻsra anaasε wͻyε Nyankopͻn Nyame-dan (Ka’aba) no ho adwuma aberε a wͻdi wͻn ara wͻn ho adanseε sε wͻwͻ boniayε mu. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn nnwuma ayε kwa, na Ogya no mu na wͻbεtena.

Obi a εsεsε ͻsra anaa ͻyε Nyankopͻn Nyamedan (Ka’aba) no ho adwuma ne obi a wagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻfrε Nyame wͻ neberε mu, na oyi Zaka no, na ͻnsuro (obiara) gyesε Nyankopͻn. Enti ebia saa nkorͻfoͻ no na wͻbεka ateneneefoͻ no ho.

Mode obi a ͻma Hajifoͻ no nsuo, na ɔsiesie anaa ͻyε Nyamedan kronkron no ho adwuma no toto obia wagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻko wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε wͻyε pεpεεpε? Wͻnyε pε wͻ Nyankopͻn anim. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.

Wͻn Wura Nyankopͻn de ahummͻborͻ ne nyetomu a ɛfiri Nehͻ ne Soro aheman a εwͻ wͻn na emu anigyeε wͻ hͻ daa no hyε wͻn bͻ.

Afei εno akyiri no sԑ Onyankopͻn pԑ a, Ɔbԑtie obi a ᴐsakra n’adwen, efirisε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Yudafoͻ no ka sε: “Uzair (Ezra) yε Nyankopͻn ba, εna Kristofoͻ no nso ka sε: “Masiah” Kristo yε Nyankopͻn ba. Wei yε nsεm a ɛfiri wͻn ara wͻn anum. Wͻresuasua boniayεfoͻ a wͻdii kan no kasaa. Nyankopͻn nnomee nka wͻn, sεdeε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho no).

Wͻfa wͻn Nyamesom ho mmra kyerεfoͻ no ne wͻn asͻfoͻ no a wɔapo wiase no de wͻn yε awurade wͻ Nyankopͻn akyi; san fa Masiah, Mar’yam ba no (nso de no yε nyame). Aberε nso a ahyεdeε a yεde hyεε wͻn ara ne sε, wͻnsom Nyankopͻn fua pε no; Awurade foforͻ biara nnihͻ ka Ne ho, Kronkron Hene ne no (Ɔkorͻn so kyεn) deε wͻde bata (Ne ho no).

Deε (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) hwehwε ne sε, wͻde wͻn ano bɛdum Nyankopͻn Nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn mpene so da, na mmom gyesε Ɔma ne Nhyerεnee no tim anaa edi mmu, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a.

Ɛda a yεbεma (wͻn sika no) ayε hyehyeehye wͻ Amanehunu gya no mu no, yεde bɛtwi wͻn moma so ne wͻn nkyεn mu ne wͻn akyi (na yɛaka akyerε wͻn sε): “Wei ne deε mo boaboaa ano maa mo ho no, enti monka deε mo boaboaa ano no nhwε“.

Nokorε sε, abosome dodoͻ a εwͻ Nyankopͻn hͻ yε abosome dummienu wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu, ɛfiri εberε a Ɔbͻͻ ͻsoro ne asaase; emu nnan (Zul Qa’ada, Zul-Hija, Muharam, Rajab) yε kronkron, εno ne ͻsom a εtene no; enti monhwε na moanyε moho bͻne wͻ (saa abosome no) mu. Na monka moho mmom nko ntia abosomsomfoͻ no sεdeε wͻn aka abom reko tia mo no. Na monhunu sε nokorε, Nyankopͻn ka Nyame-surofoͻ no ho.

(Abosome kronkron no a) yɛtu hyε da no ma boniayε yε nkͻsoͻ, εyera wͻn a wͻnnye nnie no: Wͻma ho kwan afe (wei mu a), na wabra no afe (foforͻ mu) sεdeε wͻbεyε ama εne (abosome) dodoͻ a Nyankopͻn ayε no kronkron no ahyia, na wͻama deε Nyankopͻn abra no ho kwan. Wͻn dwumadi bͻne no ayε wͻn fε. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa boniayεfoͻ no kwan.

Sε moampie a, Ɔbεhyε mo aniεyaa a εyε ya paa; na Ɔde nnipa foforͻ a εnyε mo abεhyε mo anan mu na (sε εba saa a) montumi nnyε no hwee; efirisε Nyankopͻn na ͻwͻ biribiara so tumi.

Sε moammoa (Nkͻmhyεni Muhammad) mpo a nokorε sε, Nyankopͻn aboa no; εberε a boniayεfoͻ no tuu no (ne wͻn) mmienu nea ͻtͻso mmienu no; εberε a wͻn mmienu wͻ ͻbodan no mu hͻ no, (Nkͻmhyεni) ka kyerεε ne yͻnko (Abubakar) sε: “Ɛmma wo werε nho efirisε Nyankopͻn ka yεn ho”. Enti Nyankopͻn sanee N’awerεkyekyerε baa ne so de asraafoͻ a moanhu wͻn hyεε no den, na Ɔbrεε boniayεfoͻ no asεm no ase, maa Nyankopͻn asεm no so. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ.

Sε εyε ahonyadeε bi a εbεn, ne akwantuo a εyε hͻ-ne-hͻ a, anka wͻbɛdi w’akyi, na mmom (Tabuuk) kwan tenten no ayε den ama wͻn. Wͻde Nyankopͻn bɛdi nse (akyerε wo) sε: “Sε yɛtumi a, anka yεne mo pue kͻͻ (Tabuuk koo no) “.Wͻresεe wͻn ara wͻn ho; Nyankopͻn nim yie sε wͻyε atorofoͻ.

(Nkͻmhyεni), Nyankopͻn de afiri wo. Adεn na womaa wͻn kwan, (na wantwεn) ankosi sε, wͻn a wͻka nokorε no bεda adi ama woͻ, na wahunu nkontompofoͻ no nso?

Wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no nsrε wo kwan sε (wͻbεtwe wͻn ho afiri sε) wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko (wͻ Nyame kwan no soɔ). Onyankopͻn na Ɔnim Nyame-surofoͻ no.

Wͻn a wͻsrε wo kwan (sεdeε wͻnkͻ Nyame koo no bie no) wͻne wͻn a wͻnnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no, wͻn akoma mu yε wͻn ntanta, na wͻn adwen ntanta no mu no wͻhinhim kͻ animu ba akyire.

Sε wͻpε sε wͻpue (kͻ bie) a, anka wͻbεyε ho ahoboa bi ama; nanso Nyankopͻn mpεsε wͻbɛpue akͻ bie nti na Ɔtwee wͻn saneeε, na yεkaa sε: “Mone wͻn a wͻte (fie) no ntena hͻ.”

Sε wͻkaa mo ho ne mo pue kͻe mpo a, anka wͻmfa hwee nka mo ho sε ͻhaw, na wͻbεpε ntεm adi akͻneaba ahwehwε sε wͻde mmusuo ne ntotoo bεto montam; na momu bi wᴐ hͻ a wͻtie wͻn. Na Nyankopͻn deε Ɔnim abͻneεfoͻ no.

Nokorε sε wͻn adikan ahwehwε mmusuo ne ͻhaw (ama mo) pεn, na wͻbͻͻ wo ho pͻ kͻpem sε, Nokorε no baeε, na Nyankopͻn ahyεdeε no daa adie, aberε a na anka wͻmpε.

Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻka sε: ”Mame kwan (wͻ Jihaad no ho), na εmfa me nkͻ mmusuo mu.“ Saa nkorͻfoͻ no akͻtͻ mmusuo mu dada. Nokorε sε, Amanehunu-gya no atwa boniayεfoͻ no ho ahyia.

(Nkͻmhyεni), sε papa bi to wo a na εyε wͻn ya, na sε mmusuo bi nso to wo a, deε wͻka ne sε: ”Nokorε yɛadi kan ayε ahwεyie;” na wͻn adane wɔn ani wɔ anigyeε mu.

(Nkͻmhyεni), Kasε: ”Mmusuo biara nto yεn gyesε deε Nyankopͻn ahyehyε ama yεn. Ɔne yεn Kyitaafoͻ, na Nyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ”.

Kasε: “Enti (Nkͻnkͻnsafoͻ), nneεma pa mmienu (mogya ho adanseε anaa nkonimdie) no mu baako na moretwεn ama yεn? Ɛneε yεnso yεretwεn mo sε Nyankopͻn de asotwee a ɛfiri Ne hͻ bεtwe moaso, anaasε Ɔnam yεn nsa so (bεtwe moaso). Enti montwεn, yεnso yεka mo ho retwεn”.

Kasε: “Momfa ͻpε anaa amemenemfe nyi (moagyapadeε wͻ Nyame kwan so), Nyankopͻn nnye mo so, efirisε moyε nnipa bͻnefoͻ.

Sε wͻnya dwanekͻbea anaasε ͻbodan bi mu, anaasε bea bi a wͻbɛwura akͻsie a, anka wͻbεyε ntεntεm adane wͻn ho akͻ wura hͻ.

Sε anka wͻn ani gyee deε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no de maa wͻn no ho, εna wͻkaa sε: “Nyankopͻn som bo ma yεn; Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ bεma yεn wͻ n’adom mu, nokorε Nyankopͻn so na yɛn ani da (a, anka εno na εyε paa ma wͻn)”

(Zakat) no deε εwͻ ahiafoͻ no ne mmͻborͻwafoͻ no, ne wͻn a wͻyε ho adwuma, ne wͻn a wͻn akoma adane aba (Islam-som no soͻ), ne ᴐkoo mu nneduafoͻ, ne wͻn a wͻde ka, ne Nyankopͻn kwan so (adwuma), ne ͻkwantuni; (wei yε) ahyεdeε a ɛfiri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.

Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻha Nkͻmhyεni no, na wͻka (fa neho) sε: “Ɔyε aso (tie biribiara). (Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɔyε aso tie papa ma mo; ͻgye Nyankopͻn di, gye agyidiefoͻ no nso di, na εyε ahummͻborͻ ma mo mu agyidiefoͻ no’’. Wͻn a wͻha Nyankopͻn Somafoͻ no, wͻwͻ asotwee a εyε ya paa (da hͻ retwεn wͻn).

Wͻde Nyankopͻn di nse kyerε mo (agyidiefoͻ no) sεdeε mobεgye (wͻn nsεm a wͻka no) adie, na mmom Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no na εfata sε wͻma wɔgye wͻn die sε wɔyε agyidiefoͻ ampa a.

Nkͻnkͻnsafoͻ no suro sε anhwε a na Suura bi asane aba a (εkasa) fa wͻn ho a εrebεkyerε deε εwͻ wͻn akoma mu. Ka sε: “Modeε monkͻ so nni fεw Nokorε sε, Nyankopͻn de deε mosuro no bεto dwa “.

Nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa no yε pεpεεpε, wͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε amumuyε, na wͻsi (amanfoͻ) papa yε ho kwan, wͻtwe wͻn nsa (firi adͻeε yε ho). Wͻn werε afiri Nyankopͻn, enti (Ɔno nso) werε afiri wͻn. Nokorε sε, nkͻnkͻnsafoͻ no ara ne nsεmmͻnedifoͻ no.

Nyankopͻn de Amanehunu gya no ahyε nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne boniayεfoͻ no bͻ sε: “Emu na wͻbεtena”. Ogya no som bo ma wͻn. Nyankopͻn abͻ wͻn dua, na wͻwͻ asotwee a εwͻ hͻ daa.

Agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no yε wͻn ho wͻn ho ayͻnkofoͻ. Wͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε papa, ԑna wͻbra (amanfoͻ) ma (wͻgyae) amumuyε, wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, wͻyi Zaka, ԑna wͻyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn bɛhu wͻn mmͻbͻ, nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Nyankopͻn de Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε ahyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bͻ sε: “Emu na wͻbεtena afe bͻͻ”. Asetena pa paa wͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu. Na deε εso kyεn ne nyinaa ne nyetomu a ɛfiri Nyankopͻn hͻ. Wei ne nkonimdie kεseε no.

Wͻde Nyankopͻn di nse sε wͻnkaa hwee (a εyε bͻne). Nokorε sε, wͻn aka (Kaaafir) kasa anaa boniayεsεm, na wͻayi boniayε wͻ wͻn Islam akyi, na wͻadwen deε wͻntumi nnuro anaa wͻn nsa ntumi nka. Ԑnyε hwee ho nti na wͻde bͻne tua wͻn ka, na mmom sε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ama wͻn anya wͻn ho wͻ N’adom mu nti; enti sε wͻsakra wͻn adwen a, εyε ma wͻn, na sε wͻdane wͻn akyi ma (Nokorε no nso) a, Nyankopͻn bεhyε wͻn aniεyaa a εyε ya wͻ wiase ne Daakye, na wͻnnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ wͻ asaase so.

Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻne Nyankopͻn hyεε bͻ sε: “Sε Nyankopͻn ma yεn (biribi) firi N’adom no mu a yεbεyε adͻeε na yɛaka apapafoͻ no ho”.

Nanso εberε a Nyankopͻn firii N’adom mu maa wͻn no, wͻbͻͻ ho ayεmuͻnwono anaasε wͻyεε ho pεpεε, wͻdanee wͻn ho na wͻtwi faa so.

Enti Nyankopͻn tuaa wͻn ka wͻ nkͻnkͻnsa a wͻde ahyε wͻn akoma mu no ho, kͻpem εda a wͻbɛhyia no, efirisε wͻbuu wͻn bͻhyε a wͻne Nyankopͻn ahyε no so, εnam nkotompo a wͻtwa no ho nti.

Enti wͻnnim sε Nyankopͻn Nim wͻn nsumaeε mu nsεm ne wͻn kokoa mu agyinatuo mu nsεm, na nokorε nso sε Nyankopͻn ne deε asuma ho Nimdefoͻ no?

Wͻn a wͻkaa akyire no anigye wͻ wͻn asetena a, wͻtenaa no wͻ Nyankopͻn Somafoͻ no akyire no ho; wͻmpε sε wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Deε wͻka ne sε: “Monhwε na moampue ankͻ ͻhyew no mu“. Kasε: “Amanehunu gya no yε hye papaapa (kyεn awia a wͻmpε sε wͻkͻfa mu no), sε anka wͻte asεm ase a.

Enti wͻnsere kakraabi na wͻbɛsu pii (wͻ Atemmuda), na εbεyε akatua ama (dwumadi bͻne) a wͻn nsa kaeε no ho.

Enti sε Nyankopͻn san de wo ba (nkͻnkͻnsafoͻ) no mu fekuo bi hͻ, na wͻsrε wo kwan sε (wͻne wo) bεkͻ (ͻkoo) a, kakyerε wͻn sε: “Monka meho ne me nkͻ da, na monka me ho nso ne me nko ntia atamfoͻ nso da, efirisε mopenee so tenaa (fie) deε edi kan no; enti mone wͻn a wͻkaa akyire no ntena (fie) “.

(Nkͻmhyεni), hwε na wamfrε Nyame angu wͻn mu bi a ͻbɛwuo so da, hwε nso na wannyina n’adakamena ho (ammͻ mpaeε amma no). Nokorε sε wͻn apo Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, na wͻn awu wͻ εberε a wͻyε abͻneεfoͻ.

Na εmma wͻn agyapadeε ne wͻn mma no nyε wo nwanwa (anaa εmma no nyε wo fε). Deε Nyankopͻn repε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase, na wͻn kraa bɛfiri wͻn mu (anaa wͻbɛwu) wͻ aberε a wͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ.

Bͻne nni obi a ɔnni ahoͻden no so, anaa ͻyarefoͻ so, anaa wͻn a wͻnnya deε wͻbɛyie so sε (wͻankͻ ͻkoo no bie), sε wͻdi nokorε ma Nyankopͻn ne Ne somafoͻ a; ͻkwan biara nnihͻ sε yεbͻ apapafoͻ no (soboͻ). Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

(Saa ara nso) na wͻn a εberε a wͻbaa wo hͻ sεdeε anka wobεma wͻn afro-boa bi (atena soͻ), wokaa sε: “Menni aboa a mede bεma mo atena soͻ”. Wͻdanee wͻn akyi kͻeε, na awerεhoͻ ho nisuo atataa wͻn sε wͻn annya deε wͻbɛyi (de aboa Jihaad no) bͻne biara nna wͻn so.

Ԑserԑ so Arabfoͻ no boniayε ne (wͻn) nkͻnkͻnsa mu yε den papaapa, na εyε mmrε ma wͻn sε wͻbεyε sεdeε wͻnnim mmra ne ahyεdeε a Nyankopͻn asane ama Ne Somafoͻ no. Nyankopͻn ne Biribiara ho Nimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.

Ԑserԑ so Arabfoͻ no bi wͻhͻ a wͻfa deε wͻyi (no Nyame kwan soͻ) no sε (εyε) ka (na mode wͻn), wͻretwεn sε (εberε bᴐne bi) bεdane atia mo. Wͻn so na (εberε bͻne) bεdane aba. Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara.

Ԑserԑ so Arabfoͻ no mu bi wͻ hͻ a wͻgye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no di, na wͻfa deε wͻyi (no Nyame kwan soͻ no) ne Ɔsomafoͻ no mpaebͻ no sε εde wͻn bεn Nyankopͻn. Nokorε sε εde wͻn bεn (Nyankopͻn) ampa; Nyankopͻn de wͻn bɛwura N’ahummͻborͻ mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

(Nkͻmhyεni), gye Soadaqa (Zaka) firi wͻn agyapadeε no mu, na fate wͻn ho na fa yε wͻn kronkron, na bͻ mpaeε ma wͻn. Nokorε sε, wo mpaebͻ no yε awerεkyekyerε ma wͻn; Nyankopͻn na Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara.

Afoforͻ bi nso wͻ hͻ a yɛabͻ wͻn ato hͻ ama Nyankopͻn ahyεdeε no; sε Ɔbεtwe wͻn aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, na Ɔne Onyansafoͻ.

Wͻn a wͻsi Nyame-dan wͻ adwen bͻne ne boniayε soͻ (depε sε) wͻpaepae agyidiefoͻ no ntam, de (saa Nyamedan no) yε hunta bea dema wͻn a wͻne Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no ako pεn; nokorε sε (saa nkͻnkͻnsafoͻ no) bɛdi nse (akyerε wo) sε: “Ɛnyε adwen bͻne bi na wͻrehwehwε, na mmom papa”. Nyankopͻn di adanseε sε wͻyε nkontompofoͻ.

(Nkͻmhyεni), hwε na woannyina (saa Nyame-dan no) mu da. Nokorε sε, (Qubba) Nyame-dan a yεtoo ne fampem wͻ Nyame suro so wͻ εda a edi kan (a woduruu Madina) no, εno na εho wͻ kwan sε wogyina mu. (Saa Nyamedan no) mu na mmarima a wͻpε sε wͻyε kronkron te wͻn ho firi efii ho no wͻ. Nyankopͻn deε Ɔpε wͻn a wͻ’yε kronkron no asεm.

Enti obi a ͻtoo ne dan fapem sii Nyame suro a ɛfiri Nyankopͻn hͻ, ne Nyankopͻn nyetomu soͻ no na εyε, anaasε obi a ͻtoo ne dan fapem sii kokoͻ so a amena wͻ aseε ano, na ebu de no kͻhwee Amanehunu gya no mu (na εyε)? Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan.

Ɛdan a wͻsiiε (a yɛbubu guuiε) no enyae wͻn yayε wͻ wͻn akoma mu da, gyesε wͻn akoma twitwa asin-asin (anaa kͻpem da a wͻbɛwuo). Onyankopͻn ne Nimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

Wͻn a wͻsakra wͻn adwen, wͻn a wͻsom (Nyame), wͻn a wͻyi (Nyame) ayε, wͻn a wͻkyiri akyiriwia, wͻn a wͻbͻ wͻn mu ase (ma Nyame), wͻn a wͻde wͻn anim butu fͻm (ma Nyame), wͻn a wͻhyε (amanfoͻ) ma wͻdi dwuma pa, na wͻbra (amanfoͻ) amumuyε, ne wͻn a wͻhwε Nyankopͻn mmra no so yie. (Nkͻmhyεni), fa (Ɔsoro aheman no mu) anigyesεm no hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ.

Deε εmaa Abraham srεε bͻnefakyε maa n’agya no yε bͻhyε a na wahyε (n’agya) no ho nti; nanso εberε a εdaa adi maa no sε ͻyε Nyakopͻn tamfoͻ no (Abraham) twee ne ho firii ne ho. Nokorε sε, na Abraham yε onipa a ͻwͻ ntimmͻborͻ ne ntoboaseε.

Ԑmma sε Nyankopͻn bεyera amanfoͻ bi wͻ akyire yi a Wakyerε wͻn kwan, efirisε Ɔkyerεkyerε deε wͻde bεyε ahwεyie (anaa deε εsεsε wͻtwe wͻn ho firi ho) mu kyerε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.

Nokorε sε Nyankopͻn ahu Nkͻmhyεni no ne amantufoͻ no ne (Madina) Ansoaarfoͻ no, wͻn a wͻdii Nkͻmhyεni akyi wͻ ahokyerε berε no mu a εkaa kakraabi maa wͻn mu fekua bi akoma mane firii (kwan tenenee no soͻ no) mmͻbͻ, na Ɔde wͻn mfomsoͻ nso afiri wͻn. Nokorε sε, Ne yam yε ma (adasamma), na Ɔne Mͻborͻhunufoͻ.

(Nnipa) mmiεnsa no a wͻkaa akyire no a (wankͻ ͻkoo no bie) kͻpem sε, sεdeε asaase kεseε teε yi εka moaa wͻn, na wͻn ho kyeree wͻn, na wͻdwenee sε wͻntumi nnwane Nyankopͻn na mmom gyesε wͻkͻ Ne hͻ no, afei Ɔde wͻn bͻne kyεε wͻn sεdeε wͻbεsakra wͻn adwen. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.

Ԑnsεsε agyidiefoͻ no nyinaa bεpue prεko (akͻ Jihaad). Adεn na ebi mfiri wͻn mu fekuo biara mu, sεdeε (wͻn a wͻbεka akyire no) bɛnya (kwan asua adeε anya) ͻsom no ho nteaseε anaasε ͻsom no mu nkyerεkyerε na wͻabͻ wͻn nkorͻfoͻ no kͻkͻ aberε a wͻbεsan aba wͻn nkyεn, sεdeε wͻbεyε ahwεyie.

Ԑberε biara a Suura bi bɛsane aba no, wͻn mu (nkͻnkͻnsafoͻ no) bi wͻ hͻ a deε wͻka ne sε: ”Momu hwan na wei de gyedie foforͻ abεka ne gyidie ho?” Mmom wͻn a wͻagye adie no deε εde gyidie foforͻ aka wͻn gyidie ho, na wͻn anigye (ho) nso.

Ԑberε biara a Suura bi bɛsane aba no, (nkͻnkͻnsafoͻ) no hwε wͻn ho wͻn ho anim (ka sε):” Obi hu mo anaa?” Afei na wadane wͻn ho. Onyankopͻn adane wͻn akoma (afiri deε nokorε no wͻ no) efirisε wͻyε nnipa a wͻnte asεm aseε.

Nasε wͻdane wͻn ho (firi Nokorε no ho) a, εneε (Nkͻmhyεni), ka sε: Onyankopͻn som bo ma me, Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Neso na mede me ho toͻ, na Ɔne Ahennie Kεseε no Wura no.