The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe City [Al-Balad] - Ashanti Translation
Surah The City [Al-Balad] Ayah 20 Location Maccah Number 90
Mede saa (Maka) kuro yi di nse sε:
Wo (Ɔkͻmhyεni) wowͻ saa kuro yi mu ho kwan.
Mesan de agya ne deε ͻwoeε di nse sε:
Nokorε, Yεbͻͻ onipa wͻ nkodene, abenedie ne abεbrεsε mu.
Anaa sε n’adwene yε no sε, obiara nni ne so tumi?
Ɔka (de tu ne ho) sε: “Masεe sika pii’’.
Anaa sε n’adwen yε no sε, obi nnhu no anaa?
Yɛamma no ani mmienu,-
Ɛna kεterεma εna anofafa mmienu?
Ɛna Yɛkyerε no (papa ne bͻne) akwan tempͻn mmienu no?
Nanso ͻmmͻ ne ho mmͻden sε ͻbεfa mmepͻ kwan no so.
Ԑdeεn na εbεkyerε wo adeε a εyε mmepͻ kwan no?
(Ɛne sε) wobεma ͻdͻnkͻ faahodie;
Anaa sε wobεma ano duane wͻ ԑkͻm berε mu,
Fama awisiaa a ᴐyԑ busuani,
Anaa sԑ ohiani a wabᴐ fam (anaa ohiani buruburoo).
Na afei ͻbεka wͻn a, wɔagye (Nokorε no) adie no ho, na ͻde aboterε ne ntooboaseε no atu foͻ, na ͻde ahummͻborͻ no ho afutuo no nso atu foͻ.
Saa nkorͻfoͻ no ne Nifa so foͻ no.
Wͻn a wͻapo Yεn Nsεm no nso, wͻn ne Benkum so foͻ no.
Wͻn so na yεde Egya no bεkata atwa ahyia.