The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Fig [At-Tin] - Ashanti Translation
Surah The Fig [At-Tin] Ayah 8 Location Maccah Number 95
Mede Borͻdͻma ne Nkuu dua,
Ne bepͻ Sinai,
Ne saa ahotͻ Kuro yi (Maka) di nse sε:
Nokorε, Yabͻ onipa asi tebea papa paa so.
Afei Yεbεsan abrε no ase akͻ fam paa.
Gye sԑ wͻn a wͻagye adie na wͻdii dwuma pa no, wᴐn deε wͻn wͻ akatua (papa) a akwansideε biara nni ho anaa sε εtoͻ ntwa da.
Afei woi akyi εdeεn na εmma wonnye (Nyankopͻn) Atemmuo no nnie?
Enti εnnyε Nyankopͻn ne atemmufoͻ no mu Otemmufo?