The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe earthquake [Al-Zalzala] - Ashanti Translation
Surah The earthquake [Al-Zalzala] Ayah 8 Location Madanah Number 99
Sε asaase woso ne nwosoeε no a,
Na asaase yi n’adesoa no firi adi a,
Na onipa ka sε: “Ɛdeεn na aba asaase soͻ a?”
Saa Da no asaase bεbͻ n’amaneε.
Efiri sε, wo Wura Nyankopͻn na ayi no adi na Wahyɛ noɔ,
Saa Da no nnipa bepue akuoakuo sononkosononko akͻhwε wͻn nwuma.
Obi a ɔbɛdi dwuma pa bi a emu duro ketekete te sε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (saa nipa no) bɛhunu (n'adeε).
(Saa ara) nso na obi a, ɔbɛdi dwuma bͻne bi a emu duro ketekete te sε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (ͻno nso) bɛhunu (n'adeε).